Friday, 26 March 2021

Abere biara ↄyɛ Nyame

 1. Abere biara, abere biara 
ↄyɛ Nyame; 
ↄbɛba abeyi Ne ho adi ne bere mu; 
Nea tete bere mu ↄgyee ne nkorↄfo n’ 
ↄbɛba! ↄbɛba! Abraham Nyame

2. Abere biara, abere biara ↄyɛ Nyame
ↄbɛba abeyi Ne ho adi ne bere mu; 
Nea ↄgyee ne manfo wↄ ↄhene Farao nsam n’
ↄbɛba! ↄbɛba! Abraham Nyame

 3. Abere biara, abere biara ↄyɛ Nyame;
ↄbɛba abeyi Ne ho adi ne bere mu;
Nea ↄyɛn ne manfo wↄ sare no so n’
ↄbɛba! ↄbɛba! Abraham Nyame

 4. Abere biara, abere biara ↄyɛ Nyame;
ↄbɛba abeyi ne ho adi ne bere mu;
Nea ↄyii ne nkoa fii ogya fononoo mu n’
ↄbɛba! ↄbɛba! Abraham Nyame

 5. Abere biara, abere biara ↄyɛ Nyame
ↄbɛba abeyi Ne ho adi ne bere mu; 
ↄno ne Nyame a, nnɛ nso yɛsom No n’
ↄbɛba! ↄbɛba! Abraham Nyame

Eunice Johnson




No comments:

Post a Comment

Abↄde nyinaa ’ra, monkotow Awurade

 Abↄde nyinaa ’ra, monkotow Awurade Abↄde nyinaa ’ra, monkotow Awurade Wadi nkonim, anuonyam sԑ No Ↄ hene Yesu ne Awurade; Wadi nkon...